Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 16:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Ɔdasu mu no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae to nnwom reyi Onyankopɔn ayɛ, a nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 16:25
38 Referencias Cruzadas  

Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfoɔ no wɔ? Deɛ ɔma nnwom anadwo,


AWURADE, mekae wo din anadwo, na medi wo mmara so.


Mesɔre dasuom meda wo ase, wo tenenee atemmudeɛ ho.


Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia, na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.


Mɛhyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi.


Adekyeeɛ bi AWURADE bɛyi n’adɔeɛ adi, na anadwo mato no dwom mabɔ me nkwa Nyankopɔn mpaeɛ.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ, na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam atene anadwo nyinaa, na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ.


Mekae m’anadwo dwom, medwene m’akomam, na me honhom hwehwɛm pɛsɛpɛsɛ.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔnam atɛntɛbɛn ano rekɔ AWURADE bepɔ soɔ, Israel botan no nkyɛn.


Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire,


Na ne wuranom hunuu sɛ wɔn mfasoɔ abɔ wɔn no, wɔsɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ edwa mu mpanimfoɔ anim,


Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuro no, na ɔmaa wɔbɔɔ ɔne wɔn a wɔyɛ ne fiefoɔ nyinaa asu amonom hɔ ara.


Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara!


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba,


sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.


Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade,


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.


Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa,


Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.


Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios