Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 16:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ne wuranom hunuu sɛ wɔn mfasoɔ abɔ wɔn no, wɔsɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ edwa mu mpanimfoɔ anim,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ne wuranom hunuu sɛ wɔn mfasoɔ abɔ wɔn no, wɔsɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ edwa mu mpanimfoɔ anim,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Bere a afenaa no wuranom huu sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyimfo anim wɔ aguabɔbea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu sɛ deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim wɔ adwabɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 16:19
24 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔtwe pinii bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm ɔhene anim sɛ: Woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu? Ɔhene buaa sɛ: Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ.


Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.


Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.


Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu.


Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no,


Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire,


nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn.


na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Nyankopɔn adom nsa no, ɔsii mu kɔe.


Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ bɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom bɛhyiaa yɛn; nso na ɔde nkɔmhyɛ ama ne wuranom anya wɔn ho sɛ.


na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔretane yɛn kuro yi ani,


Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ.


Na ɔbisaa kanea de mmirika bae, na ɔde ahopopoɔ bɛhwɛɛ Paulo ne Silas anim,


Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom no bi kɔmaa kuro no mu mpanimfoɔ, na wɔteateaa mu sɛ: Yeinom a wɔadane wiase ani abutuo no aba ha nso!


Na kuro no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfoɔ no de mmirika bɛboaa ano; na wɔsɔɔ Paulo mu twee no firii asɔrefie hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apono no mu.


Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo no, hyɛnehyɛnee afie mu, kɔtwee mmarima ne mmaa, na ɔde wɔn kɔguu afiase.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


ɛhweɛ mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, ɛpɛsire mu, mmuada mu;


ɛfiri sɛ, mowɔ akodie korɔ no ara a mohunuu no me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


Na bɔne nyinaa nhini ne sikapɛ mmorosoɔ a ebinom dii akyire yeraa kwan na wɔde yea pii wowɔɔ wɔn ho.


Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios