Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 16:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtena me fi; na ɔsrɛɛ yɛn ara na yɛne no kɔe.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 16:15
32 Referencias Cruzadas  

Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii.


Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ woɔ yi, ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ɔgyee.


Na da bi Elisa sene kɔɔ Sunem. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no ma ɔdidiiɛ. Na daa ɔretwam a, ɔmane hɔ kɔdidi.


Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua.


na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Firi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fie ha nyɛ ma.


Na wɔhyɛɛ no dendeenden sɛ: Tena yɛn nkyɛn, na onwunu adwo, na adeɛ reyɛ asa. Ɛnna ɔhyɛnee mu ne wɔn kɔtenaeɛ.


Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fie nyinaa nam so bɛnya nkwagyeɛ akyerɛ woɔ.


Na wɔse: Gye Awurade Yesu di, na wɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nkwa.


Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuro no, na ɔmaa wɔbɔɔ ɔne wɔn a wɔyɛ ne fiefoɔ nyinaa asu amonom hɔ ara.


Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.


Na hyiadan mu panin Krispo ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ, na Korintofoɔ mu bebree a wɔteeɛ no nso gye dii maa wɔbɔɔ wɔn asu.


Na wɔgyee Filipo a ɔka Nyankopɔn ahennie ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no diiɛ no, mmarima ne mmaa no maa wɔbɔɔ wɔn asu.


Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu siane kɔɔ nsuo no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu.


Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo.


Mayɛ kwasea! Mo na moahyɛ me. Na me deɛ anka ɛsɛ sɛ moyi me ayɛ, ɛfiri sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛne me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo.


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; ɛfiri sɛ yɛbu atɛn sɛ, ɔbaako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara.


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.


Menam onua nokwafoɔ Silwano so, sɛdeɛ mebu no no, matwerɛ nsɛm tiawa yi mabrɛ mo, mede metu mo fo, na medi adanseɛ sɛ, yei ne Nyankopɔn nokorɛ adom a moabɛgyina mu yi.


Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie, nso monnkyea no!


Ɔdɔfo, deɛ woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔhoɔ no, ne kwan so ara ne no.


Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no.


Na wampene kaa sɛ: Merenni. Na ne nkoa ne ɔbaa no nso hyɛɛ no, na ɔtiee wɔn, na ɔsɔree firii fam tenaa mpa so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios