Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 16:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔfɛre Nyankopɔn tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 16:14
24 Referencias Cruzadas  

Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


Me dɔfoɔ de ne nsa kaa pono no, na m’akoma dii ahurisie wɔ me mu.


AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mante atua mansane m’akyi.


Ɛno na ɔbuee wɔn adwene mu maa wɔtee atwerɛ nsɛm no aseɛ.


Na Helafoɔ bi wɔ wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛsɔre afahyɛ no ase no mu;


Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.


Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.


Na wɔn a wɔahyia mu no paepaee mu no, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ nyamesurofoɔ no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Nyankopɔn adom no mu.


Na Yudafoɔ no hwanyann mmaa nyamesurofoɔ a wɔwɔ din ne kuro no mu atitire, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpamm wɔn firii wɔn asase so.


Na wɔfirii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Na wɔhunuu anuanom no, wɔkyekyeree wɔn werɛ, na wɔfiri hɔ kɔeɛ.


Ɛnna ɔfirii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn.


Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake piani tumfoɔ a wɔasa no, a ɔhwɛ ne sika nyinaa soɔ ni; waba Yerusalem abɛsɔre,


Ɛnneɛ na ɛmfiri deɛ ɔpɛ anaa deɛ ɔtu mmirika no, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔhunu mmɔborɔ no.


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios