Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 Na Yudafoɔ no hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, anibereɛ nti, wɔkasakasa tiaa deɛ Paulo reka no gyee no akyinnyeɛ, na wɔkaa abususɛm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

45 Na Yudafoɔ no hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, anibereɛ nti, wɔkasakasa tiaa deɛ Paulo reka no gyee no akyinnyeɛ, na wɔkaa abususɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Yudafo no huu nnipakuw no, wɔn ani bere ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye kasa tiaa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Na Yudafo no huu nkurɔfo akuwakuw no, anibere nti wɔkasakasa tiaa nea Paulo reka no gyee no akyinnye, na wɔkaa abususɛm.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:45
27 Referencias Cruzadas  

Na yeinom deɛ, wɔka deɛ wɔnnim no ho nsɛmmɔne, na deɛ wɔfiri wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wɔnni adwene no, ɛno mu na wɔgu wɔn ho fi.


Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.


Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.


Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho a wɔfiri Sadukifoɔ fekuo mu no nyinaa sɔreeɛ, na anibereɛ nti,


Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka pɔtɔɔ no mu, na wɔka mo ho nsɛmmɔne.


Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. Na ɛberɛ a ahoɔyea ne aperepereɛ wɔ mo mu yi, monyɛ honam mufoɔ, na ɛnyɛ nnipasɛm na moredi yi anaa?


Na Yudafoɔ no ani bereeɛ, na wɔfaa ahuhufoɔ no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfoɔ no bɔɔ bum bɛhyiae, na wɔdanee kuro no ani butui, na wɔkɔtwaa Yason dan ho hyiaeɛ, hwehwɛɛ sɛ wɔyi wɔn firi adi de wɔn kɔma nkurɔfoɔ no.


Na ɔnim sɛ nitan nti na wɔyii no maeɛ.


Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?


nitan, nsaborɔ, agobɔne ne deɛ ɛtete saa; yeinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛdeɛ mebɔɔ mo kɔkɔ kane no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi rennya Nyankopɔn ahennie no.


sɛ nnipa a adeɛ a ɛntene nyinaa, amumuyɛ, anibereɛ, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asutufoɔ,


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


Na Yudafoɔ no hwanyann mmaa nyamesurofoɔ a wɔwɔ din ne kuro no mu atitire, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpamm wɔn firii wɔn asase so.


Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne.


Nanso kuro mu hɔfoɔ no mu paee, ɔfa wɔ Yudafoɔ no afa, na ɔfa nso wɔ asomafoɔ no afa.


Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no,


Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu.


Akwantuo pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kuro mu asiane mu, ɛserɛ so asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofoɔ mu asiane mu;


me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios