Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

40 Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Monhwɛ yiye na adiyifo no nkɔm a wɔhyɛɛ no amma mo so:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 Enti monhwɛ yiye, na asɛm a wɔaka no adiyifo mu no amma mo so sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:40
13 Referencias Cruzadas  

hwɛ, mɛkɔ so ara na me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu. Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.


Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.


Monhwɛ amanaman mu na monhunu na mo ho nnwiri mo dwiri pa ara, na mereyɛ adwuma bi, mo nna mu, wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.


Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Yei so na adiyifoɔ no nsɛm sie, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:


Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn maa sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ adiyifoɔ nwoma no mu sɛ: Israel fiefoɔ, mode mmoa ne nnuane bɔɔ afɔdeɛ maa me mfirinhyia aduanan ɛserɛ so anaa?


Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane?


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Monhwɛ yie, anuanom, na akoma bɔne a ɛnnye nnie amma mo mu biara mu, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios