Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 “Dawid bere so no, ɔsom Onyankopɔn kosii sɛ owu ma wosiee no wɔ ne nenanom nkyɛn pɛɛ, na ne nipadua porɔwee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 “Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Na Dawid de, ɔsomee n’ankasa ne bere so sɛnea Onyankopɔn pɛ wiei no, ɔdae, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ohuu porɔw;

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:36
33 Referencias Cruzadas  

W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.


Sɛ wo nna wie duru na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni a ɔfiri wo yam so w’akyi, na mama n’ahennie atim.


Ɛnna Dawid tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu.


Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo ara na wobɛdi me man Israel so bapɔmma.


Na sɛ wo nna wie du, na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyiri a ɔbɛfiri wo mma mu, na mama n’ahennie atim.


Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na ɔbuu atemmusɛm ne asɛntenenee maa ne man nyinaa.


Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ.


Na Rehoboam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Abia bɛdii n’adeɛ.


Yehosafat tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid kuro no mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.


Na Usia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn ahemfo asieeɛ asase no so, na wɔkaa sɛ: Ɔyaree kwata. Na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.


Na Salomo tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.


na mese Amena sɛ: M’agya ne wo, ne mmoaa sɛ: Me na ne me nuabaa ne mo, a,


Faako ara dɔteɛ mu na wɔdeda, na mmoaa kata wɔn so.


Wɔboa Asamando sɛ nnwan; Owuo hwɛ wɔn so, na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa, na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.


sɛ ɔntena ase ara daa, na wanhunu Adamena.


Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.


Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.


Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.


ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.


Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.


Ɛno deɛ na wɔn a wɔdedaa Kristo mu no ayera.


Ɛno akyiri no, ɔmaa anuanom bɛboro ahanum hunuu no prɛko; wɔn mu pii da so te ase, na ebinom adeda.


Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yɛsi mo soɔ, na mo werɛ anho sɛ wɔn a aka a wɔnni anidasoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios