Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 “Me nuanom Abraham asefo ne amanamanmufo a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma ma wɔde saa nkwagye yi aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 “Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:26
28 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa?


mo, n’akoa Abraham asefoɔ, Yakob a ɔyii no no mma.


Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mayi no, me dɔfo Abraham asefoɔ!


Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri, na me nkwagyeɛ renka akyi. Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion, na mede m’animuonyam mama Israel.


Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.


na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn!


Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie,


na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔne fakyɛ a


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.


na mmom ɔman biara mu deɛ ɔsuro no, na ɔyɛ ade tenenee no, ɔpɛ sɛ ɔgye no.


Na wɔn a wɔahyia mu no paepaee mu no, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ nyamesurofoɔ no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Nyankopɔn adom no mu.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan.


sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.


Monkɔ nkɔgyina asɔrefie nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.


Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.


Ɔno ara mu na mo nso, motee nokorɛ asɛm a ɛne mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mogye diiɛ no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,


ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios