Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Otuu aman ason wɔ Kanaan asase so gui, de asase no maa ne nkurɔfo sɛ wɔn awunyade,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔsɛee aman ason Kanaan asase so no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:19
16 Referencias Cruzadas  

Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahodeɛ a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wɔfirii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na wɔkɔduruu Kanaan asase so.


Na mede asase a woyɛ so hɔhoɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire, sɛ daa agyapadeɛ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so, Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so mmienu (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no.


Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.


Amorifoɔ hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahennie nyinaa,


Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.


Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn, sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,


Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.


Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ.


Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa aguo no nyinaa mu ama mo, sɛ mo mmusuakuo nni so; ɛfiri Yordan ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ho awia tɔbea.


Na motwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofoɔ ne mo koe ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.


Berɛ a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkuro ne Aroer ne ɛho nkuro ne Arnon ho nkuro nyinaa mu mfirinhyia ahasa no, adɛn nti na moannyeɛ, saa berɛ no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios