Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Israel Nyankopɔn yii yɛn nenanom ma wɔyɛɛ ɔman kɛse bere a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛse so yii wɔn fii Misraim,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Israel man yi Nyankopɔn na ɔpaw yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔho no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama so yii wɔn fii hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:17
42 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ.


Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.


Na AWURADE pirim Misraimhene Farao akoma maa no tii Israelfoɔ no, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no de ahosɛpɛ kɛseɛ na ɛfiri kɔeɛ.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Na afei tie, O m’akoa Yakob ne Israel a mayi woɔ.


Na me nso meyii mo firii Misraim asase so na mede mo nantee ɛserɛ so mfirinhyia aduanan, sɛ mommɛfa Amorini asase nni.


Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.


Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.


na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ no ahodeɛ man, asase so aman nyinaa mu.


Na mo deɛ, AWURADE na wayi mo afiri dadeɛ fononoo mu, afiri Misraim sɛ mommɛyɛ n’agyapadeɛ sɛdeɛ moteɛ nnɛ da yi.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Ɛsiane sɛ ɔdɔ wo nananom nti, wayi wɔn asefoɔ a ɛdi wɔn akyire, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛseɛ ayi wo afiri Misraim,


sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.


Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios