Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na wowiee mmara ne adiyifo no kenkan no, hyiadan no mu mpanyimfo soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:15
21 Referencias Cruzadas  

Na hyiadan mu panin baako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase;


Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu.


Anuanom, ɛtwa sɛ twerɛ no a Honhom Kronkron nam Dawid anomu nsɛm so kaa no akane no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfoɔ no ho.


Na ɛsiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim no ne adiyifoɔ nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wɔbuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu.


Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.


Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.


Na Helafoɔ no nyinaa faa hyiadan mu panin Sostene hwee no asɛnniiɛ hɔ, nanso Galio ammu yeinom biara.


Na hyiadan mu panin Krispo ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ, na Korintofoɔ mu bebree a wɔteeɛ no nso gye dii maa wɔbɔɔ wɔn asu.


Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.


Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.


Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no


Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no,


Sɛ ɔfotufoɔ a, ma no ntena n’afotuo mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfoɔ a, ma no nyi ne yam nkyɛ adeɛ. Sɛ mpaninnie a, ma no mmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborɔhunufoɔ a, ma no mfa animteɛ nyɛ.


Na deɛ ɔhyɛ nkɔm deɛ, ɔka nkɔsosɛm ne afotuo ne awerɛkyekyerɛ kyerɛ nnipa.


nanso wɔn adwenem yɛɛ wɔn sum, na ɛde bɛsi nnɛ mpo, nkatanimu no da so ara da apam dada kenkan so a wɔnnya nyiiɛ, ɛfiri sɛ Kristo mu (nko) na wɔyie.


Na yɛn afotusɛm no mfiri nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisie mu,


Anuanom, mesrɛ mo sɛ, montie afotusɛm yi; ɛfiri sɛ matwerɛ no nsɛm tiaa bi mamane mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios