Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wofi Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Eduu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔn de, wofii Perga no, wotwaam baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:14
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.


Na wɔfiri hyiadan mu hɔ firii adie no, wɔsrɛɛ sɛ homeda foforɔ wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio.


Na homeda foforɔ duruiɛ no, ɛkaa kumaa, na anka kuro mu no nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.


Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu.


Na homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asuo bi ho baabi a yɛsusuu sɛ wɔbɔ mpaeɛ hɔ. Na yɛtenaa aseɛ no, yɛkasa kyerɛɛ mmaa a wɔabɛhyia hɔ no.


Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.


Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi.


Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.


me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios