Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 13:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Paulo ne ne dɔm no tenaa hyɛn mu fii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaw wɔn san kɔɔ Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa ɛhyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn hɔ sane kɔɔ Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na Paulo ne ne mfɛfo tu fii Pafo no, wɔbaa Perga a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho fii wɔn ho san kɔɔ Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 13:13
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔresusu ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fie; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ano rebɔ mpaeɛ.


Na nna bi twaa mu no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsane nkɔhwɛ anuanom no nkuro a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ.


Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,


Na anafoɔ mframa firii aseɛ bɔeɛ no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka deɛ wɔde sii wɔn anim no, na wɔtuu sɛkyɛ no nam ano ano a wɔbɛnee Kreta.


Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po soɔ no, yɛkɔgyinaa Likia kuro Mira ho.


Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so).


Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ma me ɔsom mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios