Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 12:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na da a wɔhyɛeɛ duruiɛ no, Herode hyɛɛ n’ahentadeɛ, na ɔtenaa asɛnnie adwa so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na da a wɔhyɛeɛ duruiɛ no, Herode hyɛɛ n’ahentadeɛ, na ɔtenaa asɛnnie adwa so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔhyɛɛ da bi maa Herode hyɛɛ nʼahentade tenaa nʼahengua mu kasa kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔtuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no duruiɛ no, ɔhyɛɛ nʼahentadeɛ tenaa nʼahennwa so, kasa kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na da a wɔhyɛe dui no, Herode hyɛɛ n’ahentade, na ɔtenaa asenni agua so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 12:21
10 Referencias Cruzadas  

Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ, Samaria pono ano mpraeɛ so, na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim.


Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.


Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.


enti Asamando atrɛ n’akɔnnɔ mu, na ahaa n’anomu bayaa, na Yerusalem animuonyamfoɔ ne nnipadɔm ne wɔn a wɔn ani ka wɔ mu no asiane akɔ hɔ.


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.


Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane.


Na ɔman no huroo sɛ: Onyame bi nne nie, na ɛnyɛ onipa deɛ.


Na ne nnannum soɔ no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo kwaadu kyerɛɛ amrado no.


Enti adeɛ kyeeɛ no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔ bae, na wɔne asafohene ne kuro mu hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ faako a wɔtie asɛm no, na Festo hyɛeɛ no, wɔde Paulo bae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios