Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 12:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhunu no. Wɔdii awɛmfoɔ no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Yei akyi no, Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, obisaa awɛmfo no nea ɛyɛe, na ɔhyɛe sɛ wonkokum wɔn. Na osian fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 12:19
19 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Israel hene no sii mu kɔɔ ne fie, a wakum n’anim na ne bo afuo, na ɔbaa Samaria.


Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.


Na ɔhene no hyɛɛ Ɔheneba Yerahmeel ne Asriel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa Ɔtwerɛfoɔ Baruk ne Odiyifoɔ Yeremia mmra; nanso AWURADE koraa wɔn so.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem


Na wɔfiri hɔ kɔeɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na dwane kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛka makyerɛ woɔ; na Herode rebɛhwehwɛ abɔfra no aku no.


Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.


Na adeɛ kyeeɛ no, ahoyera a ɛbaa asraafoɔ no mu nyɛ adewa, sɛ ɛdeɛn ara na ayɛ Petro.


na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no.


Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so.


Na ofiasehwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛdi ne ho awu, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no adwane.


Na adeɛ kyeeɛ no, yɛfiri hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ Ɔsɛmpakani Filipo a ɔka baason no ho fie kɔtenaa ne nkyɛn.


Na nna bi twaa mu no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo.


Na asraafoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum nneduafoɔ no, na obi annware annwane.


Na Filipo deɛ, ɔkɔfirii Asoto; na ɔretwa mu no, ɔkaa asɛmpa no nkuro no nyinaa mu de kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.


Na Dawid kɔtenaa ɛserɛ so bepɔ so atenaeɛ ahodoɔ no mu; na ɔtenaa bepɔ bi so Sif serɛ so. Na Saulo hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios