Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 11:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Akristofoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 na ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirihyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bebree; na Antiokia na wodii kan too asuafo no din Kristofo.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 11:26
34 Referencias Cruzadas  

Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ,


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.


Na wɔn ho asɛm yi duruu asafo a ɛwɔ Yerusalem no aso mu, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkɔduru Antiokia.


Na nna no mu no, adiyifoɔ bi firi Yerusalem baa Antiokia.


Na asuafoɔ no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmaako mmaako de biribi bɛmane anuanom a wɔte Yudea no, sɛdeɛ wɔn mu biara bɛtumi, na wɔde ahwɛ wɔn.


Na asuafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre kɔɔ kuro no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa.


Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no.


Na wɔne asuafoɔ no tenaa hɔ kyɛree.


Na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛsene akɔ Akaia no, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔtwerɛɛ nwoma kɔsrɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnnye no. Na ɔduruu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam adom so agye adie no pii.


Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.


Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.


Nso mo ara mo mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyire.


Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.


Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode ɛberɛ kakraa bi ma me dane bɛyɛ Okristoni anaa?


Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu.


Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani.


Na ɔdidiiɛ no, ne ho yɛɛ no den. Na ɔdii asuafoɔ a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Na deɛ ɛdi kan no, mohyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na megye emu bi medi.


Na sɛdeɛ nipadua yɛ baako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua baako no, saa ara na Kristo nso teɛ.


Na sɛ asafo mu no bɛhyia faako, na wɔn nyinaa kasa kasa ahodoɔ, na wɔn a wɔnnim, anaasɛ wɔn a wɔnnye nnie ba mu a, wɔrenka sɛ moabobɔ dam anaa?


Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa.


a wɔfiri ne mu frɛ abusua biara a ɛwɔ soro ne asase soɔ no,


Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne?


Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so.


Na sɛ ɔhunu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ din yi mu.


Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios