Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 11:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano soɔ no nti wɔhweteeɛ no kyinii kɔduruu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafoɔ nko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano soɔ no nti wɔhweteeɛ no kyinii kɔduruu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafoɔ nko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wokum Stefano no, wɔtaa agyidifo no ma wɔbɔɔ ahwete. Wɔn mu bi kyinkyin koduu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafo nko ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii koduu Foenike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 11:19
22 Referencias Cruzadas  

na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn!


Ɛnna Yudafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkorɔ a yɛrenhu no? Ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafoɔ mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ?


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.


Na wɔn ho asɛm yi duruu asafo a ɛwɔ Yerusalem no aso mu, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkɔduru Antiokia.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wɔsii mu kɔɔ Seleukia, na wɔfiri hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Na wɔfirii hɔ faa nsuo ani baa Antiokia, faako a wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa adwuma a wɔakɔwie no.


Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire,


Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.


Na afei wɔgyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiaeɛ no, wɔyii nwoma no mae.


Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.


Ɛnna akasakasa a emu yɛ den baeɛ, na ɛmaa wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsuo ani kɔɔ Kipro;


Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.


Na Kaesarea asuafoɔ no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnason, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dada, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ.


Na yɛhunuu suhyɛn bi a ɛrekɔ Foinike no, yɛkɔɔ mu, na yɛtui.


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no


Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani.


Na Kefa baa Antiokia no, megyinaa n’anim kasa tiaa no ɛfiri sɛ na wadi mfomsoɔ bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios