Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 11:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na mekaee Awurade asɛm a ɔkaa sɛ: Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na mekaee Awurade asɛm a ɔkaa sɛ: Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 11:16
20 Referencias Cruzadas  

Monnane mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo, mɛma moahunu me nsɛm.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.


Na wɔkaee ne nsɛm no;


Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu; na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


Yohane buaa wɔn sɛ: Me deɛ, mebɔ asu nsuo mu, na obi a monni no gyina mo mfimfini.


Na me deɛ, anka mennim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no, ɔno na ɔsee me sɛ: Deɛ wobɛhunu sɛ Honhom no resiane abɛtena ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu.


na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.


Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ.


sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu, ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.


Adɔfo, yei ne nwoma a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mabrɛ mo. Emu na mede nkaeɛ mekanyane mo adwene gyenegyene,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios