Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ nnansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee;

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:41
15 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na mone yeinom ho adansefoɔ.


nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.


Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.


Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


na mo nso mobɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ moka me ho firi mfitiaseɛ.


Ɛnna Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara.


firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.


Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse: Mote firii m’anomu no,


Na yɛne nnoɔma a ɔyɛɛ no Yudafoɔ soɔ ne Yerusalem nyinaa ho adansefoɔ; ɔno nso na wɔsɛnee no dua so kumm no.


na nna bebree, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔne no firi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefoɔ ma ɔman no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios