Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Ɔno na Onyankopɔn nyanee no da a ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔmaa no yii ne ho pefee kyerɛe,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

40 Ɔno na Onyankopɔn nyanee no da a ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔmaa no yii ne ho pefee kyerɛe,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma okoyii ne ho adi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 Ɔno na Onyankopɔn nyan no da a ɛto so abiɛsa; na ɔma oyii ne ho pefee kyerɛe,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:40
16 Referencias Cruzadas  

Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ.


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ.


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade


Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔsɔreeɛ na ɔnyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ wura.


Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.


na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios