Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Sɛnea asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma bere a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoe ho asɛmpa no te no; ɔne nnipa nyinaa wura.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:36
57 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no.


Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daa daa, w’ahennie poma yɛ tenenee poma.


Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so, na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.


Na anigyeɛ na mode bɛfiri akorɔ, na wɔde asomdwoeɛ agya mo kwan. Mo nti mmepɔ ne nkokoɔ bɛto anigyeɛ dwom prɛko pɛ, na wiram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam.


Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn!


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Mo ara monim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, ɛfirii aseɛ Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no,


Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano soɔ no nti wɔhweteeɛ no kyinii kɔduruu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafoɔ nko.


Na yɛn deɛ, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔsɔreeɛ na ɔnyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ wura.


Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ;


Na ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no nka ho.


Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.


na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.


na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam n’asɛnnua ho mogya so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam.


nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.


Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ n’atadeɛ ne n’asene mu sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios