Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnaanan awia nnɔnabiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:30
16 Referencias Cruzadas  

Anwummerɛ ne anɔpa ne awigyina na mɛdwene me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.


Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!


Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn.


Na ɔrekorɔ na wɔrehwɛ soro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,


Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.


Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.


Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!


na ɔse: Kornelio, wɔate wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborɔhunu adeɛ no Nyankopɔn anim.


Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios