Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛda bi awia bɛyɛ nnɔnmiɛnsa no, ɔhunuu Onyankopɔn ɔbɔfoɔ wɔ anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no sɛ, “Kornelio!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio!

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:3
23 Referencias Cruzadas  

Anwummerɛ ne anɔpa ne awigyina na mɛdwene me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din menim wo.


M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti na mede wo din mefrɛɛ woɔ, na mebɔɔ wo abodin no, nso wonnya nhunuu me.


Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?


Na Awurade bɔfoɔ bi bɛyii ne ho kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ohwam afɔrebukyia no nifa.


Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ:


Na Petro regye ne mu akyinnyeɛ sɛ anisoadeɛ a ɔhunuiɛ no ase ne sɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fie kwan, gyinagyina aboboano


Na Petro redwene anisoadeɛ no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa bi rehwehwɛ wo;


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,


Na adeɛ kyeeɛ na wɔnam kwan so rebɛn kuro no no, Petro kɔɔ aban atifi kɔbɔɔ mpaeɛ, ɛbɛyɛ awia dummienu.


Na ɔkaa yɛn sɛdeɛ ɔhunuu ɔbɔfoɔ sɛ ɔgyina ne fie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro.


Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne dea na mesom no no bɔfoɔ bɛgyinaa me nkyɛn


Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.


Na Awurade bɔfoɔ bɛhinii afiase no apono anadwo, na ɔde wɔn firi adi kaa sɛ:


Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehunu mu sɛ: Anania! Na ɔse: Hwɛ, meni, Awurade!


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


na wakyɛne abɔfoɔ no mmoroso, sɛdeɛ ne din kunini a wanya no kyɛne wɔn deɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios