Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Enti nso na mosoma bɛfrɛɛ me no, manyi ano na maba yi. Afei mibisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:29
5 Referencias Cruzadas  

Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte.


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,


Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios