Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na Petro redwene anisoadeɛ no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa bi rehwehwɛ wo;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na Petro redwene anisoadeɛ no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa bi rehwehwɛ wo;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Petro gu so redwennwene anisoadehunu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na Petro redwen anisoade no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa hwehwɛ wo;

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:19
11 Referencias Cruzadas  

Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.


refrɛ, na wɔbisaa sɛ: Simon a wɔfrɛ no Petro no te ha anaa?


Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!


Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na mennye hwee ho akyinnyeɛ. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fie.


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.


Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.


Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twe kɔ teaseɛnam yi ho!


Na yeinom nyinaa Honhom korɔ no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ ɔpɛ.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios