Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Teofilo, akane nwoma a meyɛeɛ no fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Teofilo, akane nwoma a meyɛeɛ no fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mʼadamfo pa Teofilo, me nhoma a edi kan a mekyerɛw wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Teofilo, kan nhoma a meyɛe no fa nneɛma a Yesu fii ase yɛe na ɔkyerɛkyerɛe nyinaa,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 1:1
12 Referencias Cruzadas  

Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Na nna yi akyiri no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee abosome nnum kaa sɛ:


Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ,


Na akoa no se: Owura, mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no, nanso ɛfa da so wɔ hɔ.


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


Yesu firii n’adwuma aseɛ no, na wadi bɛyɛ mfirinhyia aduasa, (na nkurɔfoɔ dwenee no sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios