Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 9:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Saa da no, mɛsan aba abesi “Dawid fi a abubu no bio. Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no, na masi no sɛnea na ɛte no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi “Dawid efie a abubu no bio. Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina, na mapompam wɔn mpaepae no, na magyina n’afasusin, na mato no sɛ tete nna no.

Ver Capítulo Copiar




Amos 9:11
37 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.


Mekae tete nna, medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho, mesusu wo nsa ano nnwuma ho.


Adɛn nti na woabubu ne ban, ma wɔn a wɔnam kwan soɔ nyinaa tete no yi?


Woadwiri ne ban nyinaa agu, woama n’aban akɛseɛ ayɛ agoago.


Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so, na obi atena so, nokorɛ mu, wɔ Dawid ntomadan no mu, deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee, na ɔyɛ adetenenee ntɛm.


Na afei merema moahunu deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛyi ɛho ban, na mmoa adi, mɛbubu ne fasuo, na wɔatiatia so;


Na wo mufoɔ bɛkyekyere tete akurofo, wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ fapem agyina, na wɔafrɛ wo ɔpamago, deɛ ɔtoto akwan sɛ nnipa ntena hɔ.


Ɛnna ɔkaee tete nna n’akoa Mose berɛ so: Ɛhe na deɛ ɔyii nnwan no hwɛfoɔ no firii po mu no wɔ? Ɛhe na deɛ ɔde ne Honhom kronkron sii wɔn mu no wɔ?


Na mɛyi asefoɔ afiri Yakob mu, ne me bepɔ sodifoɔ afiri Yuda mu, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi so, na me nkoa atena hɔ.


Na sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mede bɛsi hɔ na matɛ.


Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.


na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi no, wɔbɛsane abɛtena ha sɛ tete nna no, AWURADE asɛm nie.


AWURADE, sane yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsane, ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete deɛ no.


Na wiram nnua nyinaa ahunu sɛ me, AWURADE, na mabrɛ dua bantenn no aseɛ, na mama dua a ɛhwihwa fam akorɔn, mama duamono adwan na mama duawuiɛ afefɛ. Me, AWURADE, na maka, na mayɛ.


Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔre awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ akane berɛ no, na mayɛ mo yie asene mo mfitiaseɛ, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.


Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Ɛda a wɔbɛto wo fasuo no reba; ɛda no so na w’ahyeɛ bɛkɔ akyirikyirie.


Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.


Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho; na mahwe ase a, mɛsɔre; na mete sum mu a, AWURADE ne me hann.


Na AWURADE bɛgye Yuda ntomadan kane, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam amma wɔn ho so antia Yuda.


Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.


Na ɔbɛfa Edom adi so, na wafa n’atamfo asase Seir adi so, na Israel bɛyɛ ahoɔdenneɛ ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios