Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 na mode dwetɛ atɔ ahiafo na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra awi ase afra awi mu atɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na yɛama dwetɛ de atɔ ɔbrɛfo, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn awi ase nea egugu no.

Ver Capítulo Copiar




Amos 8:6
11 Referencias Cruzadas  

na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.


Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɛfiri sɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee odwamamfoɔ, na wɔtɔn abaayewa gyee nsa nomee.


Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.


Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no.


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,


Na mese: Ɛdeɛn nie? Na ɔse: Efa susudeɛ a ɛfiri adie no nie. Na ɔse: Yei ne wɔn ahwɛdeɛ, asase nyinaa so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios