Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahennie fie nso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahennie fie nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, efisɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahenni fi nso.

Ver Capítulo Copiar




Amos 7:13
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔde baako kɔsii Betel na ɔde baako nso kɔsii Dan.


Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel.


Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam.


Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho.


Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ! Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!


Adɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa bɛhyiaa AWURADE fie tiaa Yeremia.


Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ: Monnhyɛ nkɔm!


Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam.


Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan, na monnkɔ Gilgal, na monntwam nnkɔ Beer-seba; ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu, na Betel bɛdane huhuo.


Na afei tie AWURADE asɛm: Wo deɛ, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fie so.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo, na Israel kronkrommea no ayɛ agoago, na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios