Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 6:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Enti afei wɔn na wɔbɛdi atukɔfoɔ kan atu akorɔ, na sadwaasefoɔ gyegyeegye no agyae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Enti afei wɔn na wɔbɛdi atukɔfoɔ kan atu akorɔ, na sadwaasefoɔ gyegyeegye no agyae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho; na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho; na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Enti afei wɔn na wobedi atukɔfo kan atu akɔ, na saguaasefo gyegyeegye no agyae.

Ver Capítulo Copiar




Amos 6:7
17 Referencias Cruzadas  

sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.


m’akoma ka paripari, ehu ama mayɛ titiritii, ama anwummerɛ hann a mehwehwɛeɛ no adane me ahopopoɔ.


mpintin ho ahurisidie agyae, ahosɛpɛfoɔ hooyɛ to atwa, sankuo ho ahurisidie agyae;


Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.


Na ɔfasuo tokuro mu na mobɛfa anantenante mo anim tee afiri adie, na wɔbɛsunsum mo atwene Harmon, AWURADE asɛm nie.


Enti mɛtu mo akɔ Damasko akyire nohoa, AWURADE na ɔseɛ, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan, na monnkɔ Gilgal, na monntwam nnkɔ Beer-seba; ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu, na Betel bɛdane huhuo.


Na sɛ Amos seɛ nie: Afena ano na Yeroboam bɛwuo, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Wobɛwo mmammarima ne mmammaa, na wɔrenyɛ wo deɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios