Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 6:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mode mo sankuten to ahuhunnwom, na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ mo nnwontode so te sɛ Dawid.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mode mo sankuten to ahuhudwom, na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 wɔto ahuhudwom de yi sanku ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asanku sɛ Dawid;

Ver Capítulo Copiar




Amos 6:5
12 Referencias Cruzadas  

Adɛn nti na woahunta adwane, na woawia wo ho afiri me nkyɛn? Adɛn na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigyeɛ ne nnwom, mpintin ne nsankuo mannya wo kwan?


Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ asafohene no sɛ wɔnyiyi wɔn nuanom nnwontofoɔ no mma wɔnkurakura nnwontoɔ nnoɔma: Mmɛnta, mmɛn ne asankuten ne nsambɔ nnawuro nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigyeɛ mu.


na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ.


Na Lewifoɔ no de Dawid nsankuo no gyinagyina hɔ, na asɔfoɔ no nso de ntotorobɛnto.


nso meboaa dwetɛ, sika, ahemfo ne nsase so ademudeɛ ano mefae, menyaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ne mmarima anigyedeɛ ne mpenafoɔ bebree;


Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.


Na mɛma wo dwontoɔ hooyɛ agyae, na w’asankuo nne nso, wɔrente bio.


Yi wo dwontoɔ gyegyeegyeyɛ firi me so, na wo sankubɔ nso, merentie.


Na asɔrefie nnwom bɛdane adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, afunu no bɛdɔɔso, na wɔde kommyɛ bɛtoto wɔn agu mmaa nyinaa.


Yɛn asetena berɛ a atwa mu no, yɛsɛe berɛ yɛɛ deɛ amanaman mufoɔ no pɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaborɔ, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a wɔkyire mu.


Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ nne wo mu bio, na wɔrenhunu adwinnie bi mu dwumfoɔ biara, wo mu bio, na wɔrente oyuyammoɔ biara nka wo mu bio,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios