Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 6:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ efi kɛseɛ no pasapasa ne efi ketewa no nso dukuduku.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ efi kɛseɛ no pasapasa ne efi ketewa no nso dukuduku.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na Awurade ahyɛ mmara na obebubu afi akɛse no mu asinasin ne afi nketewa no nso mu nketenkete.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na Awurade ahyɛ mmara na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini ne afie nketewa no nso mu nketenkete.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ ofi kɛse no pasapasa, ne ofi ketewa no nso dukuduku.

Ver Capítulo Copiar




Amos 6:11
21 Referencias Cruzadas  

na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa.


Na ɔmaa ɛkɔm baa asase no so, ɔbubuu aduane poma nyinaa mu;


Ɔkasae, na anwansena borebore bae, ntontom baa wɔn asase nyinaa so.


Ɔkasae, na ntutummɛ bae ne mmɛbɛ a wɔn dodoɔ nni ano,


Akwadworɔ nti na mpuna hwinhwan, na aniha ma ɛdan nwunu.


Me, mahyɛ me kronkronfoɔ, mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo, wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no.


saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa, na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no.


Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.


Na mɛbobɔ awɔberɛ fie ne ahuhuberɛ fie, na asonse fie nso asɛe na afie bebree nso ase ahye koraa, AWURADE asɛm nie.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.


Mehunuu AWURADE sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ: Bɔ atifi pɔ no ma aponnwa nwoso, na dwiri gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafoɔ no, mede afena bɛkunkum wɔn; odwanefoɔ rennwane mma wɔn, na mfirimufoɔ remfiri mu mfi mma wɔn.


Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔne Israel fie so amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔsɔne adeɛ soɔ sɔneeɛ mu, nanso ayufua rentɔ fam.


Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ, wo din bɛyera afiri asase so. Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi afiri wo nyame fie; mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ.


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu.


Sɛ Edom ka sɛ: Wɔapɛkyɛ yɛn, nanso yɛbɛsane akɔ akɔsisi agoago no a, sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔn deɛ, wɔbɛsisi, na me nso, mɛdwiri, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hyeɛ, ne: Ɔman a AWURADE afa wɔn abufuo de rekɔsi daa.


na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios