Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 6:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na obi busuani, deɛ ɔhyeɛ no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afiri fie hɔ, na ɔbɛbisa deɛ ɔwɔ efie mpiakyire mu no sɛ: Obi da so ne wo wɔ hɔ anaa? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano, na wɔmmɔ AWURADE din so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na obi busuani, deɛ ɔhyeɛ no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afiri fie hɔ, na ɔbɛbisa deɛ ɔwɔ efie mpiakyire mu no sɛ: Obi da so ne wo wɔ hɔ anaa? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano, na wɔmmɔ AWURADE din so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afi fie hɔ na obisa obi a wakɔtɛw se, “Obi ka wo ho ana?” Na obua se, “Dabi” a, afei ɔbɛka se, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na obi busuani ne nea ɔhyew no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afi fie hɔ, na ɔbɛka akyerɛ nea ɔwɔ ofi mpiakyiri mu no sɛ: So obi da so ne wo wɔ hɔ? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano! Na wɔmmɔ AWURADE din so.

Ver Capítulo Copiar




Amos 6:10
11 Referencias Cruzadas  

Na Yosia danee ne ho na ɔhunuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so hɔ no, na ɔsoma maa wɔkɔfaa nna no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Nyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kaeɛ no teɛ.


Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfoɔ no resiane aba ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, bɔne yi firi AWURADE nkyɛn, ɛdeɛn na mentwɛn AWURADE mennye bio?


Na nnipa akɛseɛ ne nkumaa bɛwuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayie, na obiara remmɔ ne hɔ akam, obiara remmɔ tikwa mma wɔn,


Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te aseɛ yi!


Na owuo aforo afa yɛn mpomma mu, waforo aba yɛn aban fɛfɛ mu, sɛ ɛbɛtwa mmotafowa afiri mmorɔno so ne mmeranteɛ afiri mmɔntene so.


Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.


Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.


Saa nti ɔba nimdefoɔ mua n’ano, ɛberɛ no mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ berɛ bɔne.


Na asɔrefie nnwom bɛdane adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, afunu no bɛdɔɔso, na wɔde kommyɛ bɛtoto wɔn agu mmaa nyinaa.


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!


akofoɔ nyinaa sɔree nam anadwo nyinaa kɔfaa Saulo funu ne ne mma afunu no firii Bet-san fasuo no ho de baa Yabes, na wɔhyee no wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios