Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 5:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie: Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so, na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee! Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu, ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie: Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so, na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee! Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu, ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti nea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa so na ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so. Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu na agyamfo abetwa adwo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so. Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu na agyamfoɔ abɛtwa adwo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no, se ni: Adwotwa wɔ mmɔnten nyinaa so, na wɔka mmorɔn nyinaa so sɛ: Buei, buei! Na wɔfrɛ okuafo ma obesu, ne wɔn a wonim osu ma wobetwa agyaadwo.

Ver Capítulo Copiar




Amos 5:16
23 Referencias Cruzadas  

Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nyinaa bɔɔ Yosia din wɔn Kwadwom mu de bɛsi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛdeɛ Israel mu, na hwɛ, wɔatwerɛ no Kwadwom no mu.


Na adwotwa no atwa Moab asase so ahyia, ne su aduru Eglaim, ne su nso aduru Beer-elim.


Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa ne tikwabɔ ne ayitomafira mu.


na sei na AWURADE seɛ: Yɛate ahopopoɔ nne, ehu aba, na asomdwoeɛ nni hɔ.


Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ, ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ, Sion babaa nne, ɔsi apini, ɔtrɛ ne nsam sɛ: Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.


Mmepɔ no nti, metue esu ne benabɔ mu, na ɛserɛ so adidibea no nti, meto esu dwom, ɛfiri sɛ ahye na obiara mfa hɔ, na wɔnte mmoakuo nne bio, ewiem nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.


Na mɛbɔ wɔn apete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhunuu wɔn da mu, na mama afena adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛwie wɔn sɛeɛ.


Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.


Akuafoɔ, mo ani nwu, O nturoyɛfoɔ, ayuo ne atokoɔ nti montwa adwo, ɛfiri sɛ mfuo mu aduanetwa asɛe.


Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.


Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.


Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma ma ne mmabaaberɛ mu kunu.


Montie, na monni Yakob fie adanseɛ, AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:


Enti mɛtu mo akɔ Damasko akyire nohoa, AWURADE na ɔseɛ, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa, na atipa aba etire nyinaa so; na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie, na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.


Na asɔrefie nnwom bɛdane adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, afunu no bɛdɔɔso, na wɔde kommyɛ bɛtoto wɔn agu mmaa nyinaa.


Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.


Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.


N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.


Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios