Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Montie, na monni Yakob fie adanseɛ, AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Montie, na monni Yakob fie adanseɛ, AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Muntie, na munni Yakob fi adanse, AWURADE Nyankopɔn, asafo Nyankopɔn, asɛm ni:

Ver Capítulo Copiar




Amos 3:13
15 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.


Na ɔsomaa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn mu sɛ wɔmmɛsane wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wɔdii wɔn adanseɛ, nanso wɔantie.


Enti AWURADE, asafo AWURADE, Israel Tumfoɔ no, asɛm nie: Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ, na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so.


Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam.


Enti mɛtu mo akɔ Damasko akyire nohoa, AWURADE na ɔseɛ, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Na sɛ wo werɛ firi AWURADE wo Nyankopɔn, na wokɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, medi wo adanseɛ nnɛ, sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ.


sɛ obiara nntra nnkɔsisi ne nua asɛm bi mu, ɛfiri sɛ Awurade ne yeinom nyinaa mu weretɔfoɔ, sɛdeɛ yɛka kyerɛɛ mo kane, na yɛdii mo adanseɛ no.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, ɔno na ɔnim, na Israel nso nhunu, yɛyɛɛ no atuateɛ mu anaa AWURADE fom mu na yɛyɛeɛ a, nnye yɛn nkwa nnɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios