Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 2:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nea Awurade se ni: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ, ne ahiafo de gye mpaboa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ AWURADE se ni: Israel amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.

Ver Capítulo Copiar




Amos 2:6
21 Referencias Cruzadas  

Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu,


ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa!


wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie, na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo.


Na hwɛ, mebɔ me nsamu, w’aniberebereɛ mfasoɔ a wonya, ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho.


Ɛfiri sɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee odwamamfoɔ, na wɔtɔn abaayewa gyee nsa nomee.


Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.


a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios