Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 na mɛsɔ Raba fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no, na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye, na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 na mɛsɔ Raba fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no, na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye, na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mede ogya bɛto Raba afasu mu na ahyew nʼaban wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu ne ahum da mfɛtɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mede ogya bɛto Raba afasuo mu na ahye nʼaban wɔ ɔko da mu nteateam ne ahum da ntwaho mframa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 na mɛsɔ Raba fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no, ɔko da no bɛyɛ gyegyeegye, na ɛbɛyɛ den sɛ, ahumtu da ne kirididibɔ.

Ver Capítulo Copiar




Amos 1:14
20 Referencias Cruzadas  

Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.


Na Yoab ne Amonfoɔ a wɔwɔ Raba koe, na ɔgyee ahenkuro no.


Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.


Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui.


Totorobɛnto hyɛne a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hwa wɔ akyirikyiri, asafohene nteam ne osebɔ no.


saa ara na fa w’ahum taa wɔn, na fa wo mframa denden no yi wɔn hu.


Asafo AWURADE bɛba abɛsra wo, ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne gyegyeegye kɛseɛ, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ na ɛbɛba.


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.


Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no, wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.


Hwɛ, AWURADE ahum, abufuhyeɛ afiri adi, na ahum a ɛdi kyinhyia no bɛtwa ne ho abɛsi abɔnefoɔ tiri so.


Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, na adane nkunkumaboɔkuo, na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ, AWURADE na ɔseɛ.


Siesie ɔkwan a nkrantɛ no mfa so mmra Amonfoɔ kuro Raba ne Yuda kuro a ɛwɔ Yerusalem a ɛyɛ den no mu.


nkɔmhyɛ a ɛba ne nifa mu ne Yerusalem, sɛ wɔnsisi adwennini a ɛdwiri ɔfasuo, mmue ano okum mu, sɛ wɔnsisi adwennini a wɔde bɛdwiri aponkɛseɛ, ngu epie nsisi ntua aban.


Na wo, ɔbɔnefoɔ a woatɔ, Israel berempɔn a ne da aduro, awieeɛ amumuyɛ berɛ mu no,


na mede Raba bɛyɛ yoma adan, na Amonfoɔ asase ayɛ nnwan butubea, na moahunu sɛ mene AWURADE.


hwɛ, meretene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ amanaman asadeɛ, na matwa wo afiri aman mu, na asɛe wo afiri aman mu, na madwerɛ wo, na woahunu sɛ mene AWURADE.


Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so.


Na mɛto Moab mu gya, na ahye Keriot aban denden no, na Moab bɛwu hooyɛ mu, osebɔ ne totorobɛnto gyegyeɛ mu.


Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.


(Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios