Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na mɛto Teman mu gya, na ahye Bosra aban denden no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na mɛto Teman mu gya, na ahye Bosra aban denden no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mede ogya bɛto Teman mu, na ahyew Bosra aban.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mede ogya bɛto Teman mu, na ahye Bosra aban.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na mɛto Teman mu gya, na ahyew Bosra aban dennen no.

Ver Capítulo Copiar




Amos 1:12
14 Referencias Cruzadas  

Na Elifas mma ne Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.


Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii n’adeɛ.


Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfirii Bosra bɛdii n’adeɛ.


Na m’afena anom amee wɔ soro; hwɛ, ɛsiane ba Edom so, ɛreba me nnome man no so abɛbu atɛn.


Mogya ara nko adue AWURADE afena, sradeɛ afɔre ho, nnwammaa ne mpapo mogya, adwennini sawa ho sradeɛ, na AWURADE wɔ okum afɔdeɛ wɔ Bosra ne okunkɛseɛ wɔ Edom asase so.


Hwan ne oyi a ɔfiri Edom reba, deɛ ne ntadeɛ bere kɔɔ a ɔfiri Bosra reba yi? Oyi a wahuhuru wɔ n’aduradeɛ mu, na ɔkyea, ne tumi kɛseɛ mu yi? Ɛyɛ me a mereka ahosan akyerɛ, Otumfoɔ a ɔgye nkwa.


Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ Bosra bɛdane ahodwirideɛ, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkuro nyinaa ayeyɛ daa amamfo.


Enti montie AWURADE agyina a watu no Edom ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Temanfoɔ ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.


Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔdeɛ retu aba, na ɔtrɛ ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afiri Teman, na wɔatotɔ nkrantɛ ano akɔduru Dedan.


Obadia anisoadehunu nie. Sei na AWURADE Nyankopɔn ka fa Edom ho: Yɛate AWURADE anomu asɛm sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ: Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko.


Onyankopɔn firi Teman ba, na ɔkronkronni no firi Paran bepɔ so. Sela N’animuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyie yɛ asase so ma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios