Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 9:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ntutummɛ no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko deɛ, na biribi wowɔ wɔn tiri so te sɛ sika abotire, na wɔn anim tete sɛ nnipa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ntutummɛ no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko deɛ, na biribi wowɔ wɔn tiri so te sɛ sika abotire, na wɔn anim tete sɛ nnipa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika kɔkɔɔ abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 9:7
6 Referencias Cruzadas  

Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.


Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ bi puee wɔ wɔn ntam, na akane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu ɛno anim, na hwɛ, na aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ wɔ abɛn no ho.


W’asafohene te sɛ mmɛbɛ, na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmɛbɛ akuakuo a wɔsensam ban ho ban ho awɔ da; owia firi a, wɔtu kɔ a obiara biara nnim faako a wɔkorɔ.


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim.


Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so anyanyankyerɛ tumi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios