Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wonnkum wɔn, na mmom wɔnhaw wɔn asram anum. Na wɔn haw no te sɛ nkekantwɛre a ɔka onipa bi de.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 9:5
12 Referencias Cruzadas  

Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmɔfra no tuu no foɔ no sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, ɔni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kora.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.


Yei akyi, mehwɛe ara, na hwɛ, aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ, na n’akyi ɔwɔ anomaa ntaban nnan, na aboa no wɔ tiri nnan, na wɔmaa no tumi.


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.


Na wɔwowɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ, na nwowɔeɛ wowɔ wɔn dua mu, na wɔn dua mu na wɔn tumi a wɔde ha nnipa abosome nnum no wɔ.


Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so anyanyankyerɛ tumi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios