Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 9:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔansakyera wɔn adwene amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔansakyera wɔn adwene amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn akorɔmmɔ ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Saa ara nso na wɔannu wɔn ho amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔno ho.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 9:21
24 Referencias Cruzadas  

Sɔre gyina ɛ, fa wo nkaberɛkyekyerɛ ne wo ntafowayie dodoɔ a wofiri wo mmɔfraase brɛɛ mu no, ebia wobɛtumi de ayɛ biribi, ebia wode bɛyi hu.


Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so amonom, da koro, abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ, wo ntafowayie dodoɔ ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.


Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.


Na ɔman no mu wɔn a wɔnim de no bɛma nnipa bebree anya nhunumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne ɛfomfa mu, nna bi.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.


sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodoɔ a wɔayɛ bɔne na wɔnsakyeraa wɔn adwene, wɔn fi ne adwamammɔ ne ahohwisɛm a wɔdiiɛ no ho.


abosonsom, adutoɔ, ɔtane, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, aperepereɛ, kunsunkunsum, mpaepaemu,


Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ, na ɔma ogya mpo firi soro ba asase so, nnipa anim.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no mpo akasa, na wama wɔakum dodoɔ a wɔnkoto aboa no honi no.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.


na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, na woama wɔn mogya anom, wɔfata saa.


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.


Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma.


Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.


Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu no ansakyera wɔn adwene amfiri wɔn nneyɛɛ ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika, ne dwetɛ, ne yaawa, ne aboɔ, ne dua honi a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm nanso ɛntumi nnanteɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios