Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ soɔ no ano si ɔpedu ahodoɔ ɔpeduonu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ soɔ no ano si ɔpedu ahodoɔ ɔpeduonu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wodii asraafo ɔpepem ahannu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodow no ho amanneɛ ma metee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔdii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodoɔ no ho amaneɛ maa meteeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ano si ɔpedu ahorow ɔpeduonu.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 9:16
7 Referencias Cruzadas  

Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Wɔhyehyɛ bibitoma ntadeɛ, amradofoɔ ne mmakoma, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ nko ara, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.


Na mɛgyegye wo, na mede nnarewa mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa hyehyɛ ntadeɛ akɛseɛ ne nkumaa na wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ no aba;


Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so.


Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu.


Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,


Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodoɔ: Mpem ɔha aduanan nnan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuo nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios