Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 9:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Na metee nne bi a ɛfiri sika afɔrebukyia a ɛsi Nyankopɔn anim no mmɛn nnan no mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Na metee nne bi a ɛfiri sika afɔrebukyia a ɛsi Nyankopɔn anim no mmɛn nnan no mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Afei ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto. Metee nne bi fii sikakɔkɔɔ afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no ntwea so nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a ɛsi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnn ne torobɛnto. Na metee nne biako a efi sika afɔremuka a esi Nyankopɔn anim no mmɛn anan no mu

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 9:13
7 Referencias Cruzadas  

Na daa afirinhyia mu prɛko na Aaron mfa bɔne ho mpata afɔdeɛ mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no soɔ; daa afe ɔmpata wɔ so prɛko, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE.


ne sɛ yɛwɔ Nyankopɔn fie so sɔfoɔ kɛseɛ nti,


Na Kristo anhyɛne kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ, a ɛyɛ kronkronbea pa ara no ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu, na mmom ɔhyɛnee ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛn.


Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios