Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 6:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu guo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu guo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam pɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam pɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛse wosow no tetew n’aba bun gu.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 6:13
15 Referencias Cruzadas  

Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.


Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no.


na ɛyɛɛ kɛseɛ kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so.


Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede mununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renharan.


Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;


Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.


W’aban a ɛyɛ den nyinaa bɛyɛ sɛ borɔdɔma nnua a ɛso wɔ adɔmakan, sɛ wɔwoso a, ɛtotɔ odifoɔ anomu.


Ɔteaa mu denden na ɔkaa sɛ: Mommu dua no ntwitwa ne mman. Mompore n’ahahan mpansam n’aba; mmoa nnwane mfiri aseɛ, na nnomaa mfiri ne mman so.


Asase redi abooboo na akusa; Lebanon ani awu, adwan koraa; Saron adane sɛ anwea pradada so, Basan ne Karmel so nhahan apo.


Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.


Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


na ɔsoro nsoromma bɛtutu ahwe fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


ɔbɛpore n’asia abunu sɛ obobe deɛ, na wawoso ne nhyerɛne agu sɛ ngodua deɛ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios