Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 6:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, mehunuu sɛ Odwammaa no ate nsɔano nson no mu deɛ ɛdi ɛkan ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ, “Bra!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na mihui sɛ oguammaa no tew nsɔano no mu biako ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu biako de nne a ɛte sɛ ɔprannaa kae sɛ: Bra!

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 6:1
17 Referencias Cruzadas  

Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na yɛn deɛ, yɛntumi, gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ.


Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a meteeɛ no te sɛ sankubɔfoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.


Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Na mehunuu nwoma bi wɔ deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu a wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔde nsɔano nson asosɔ ano.


na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira.


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no se: Bra!


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no se: Bra! Na mehunui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ tuntum bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura nsania wɔ ne nsa mu.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnan no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no se: Bra!


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nson no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwereɛ fa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios