Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 5:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ateasefo baanan no kae sɛ: Amen. Na mpanyimfo no hwehwee ase, na wɔkotow sɔree.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 5:14
9 Referencias Cruzadas  

Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ: Amen, Haleluia!


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


kaa sɛ: Amen, nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen.


Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔnte aseɛ no agye w’aseda no so sɛ Amen, ɛberɛ a ɔnnim deɛ woreka?


Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios