Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 3:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Woka sɛ, ‘meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho na mewɔ deɛ ɛhia me nyinaa.’ Nanso, wonnim hia a ahia wo ne mmɔborɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagya, na wʼani afira.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne ɔdagyani.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 3:17
26 Referencias Cruzadas  

Na wɔn baanu ani buebuee, na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya, enti wɔpempam borɔdɔma ahahan yɛɛ nkatanim fae.


Na sɛ wɔayɛ nantwie ba a Aaron yɛeɛ no nti, AWURADE haa ɔman no.


Obi yɛ ne ho defoɔ, nso na ɔnni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ adeɛ pii.


na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din.


Hwan ani na afira sɛ m’akoa, hwan na n’aso asie sɛ me bɔfoɔ a mesoma no no? Hwan ani na afira sɛ deɛ ɔwɔ m’asomdwoeɛ apam mu, hwan na n’ani afira sɛ AWURADE akoa no?


Mo, nnɛɛmma, montie AWURADE asɛm. Madane ɛserɛ so ama Israel, anaasɛ asase a aduru sum kabii? Ɛdeɛn nti na me man ka sɛ: Yɛafa yɛn ho adi, yɛremma wo nkyɛn bio?


Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara, manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu, wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.


a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho.


Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


Na ɔteeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no.


Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafoɔ kwan yafumpan.


Nanso mo a moyɛ adefoɔ deɛ, monnue! Na moanya mo awerɛkyekyerɛ dada.


Wiɛ, gyeɛ a wɔannye annie nti na ɛbubuiɛ, na wo deɛ, wode gyidie na ɛgyina hɔ. Nnwene akokurokosɛm, na mmom suro!


Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;


Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no.


Me manehunufoɔ! Hwan na ɔbɛyi me afiri saa owuo nipadua yi mu?


Ɛfiri sɛ deɛ yeinom abɔ no no yɛ onifirani, na n’ani anyam, ɔnhunu akyiri adeɛ, na ne werɛ afiri ne bɔne a wayɛ dada no ho hohorɔ.


(Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Na afei deɛ, ɛnam sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyeɛ anaa nwunu nti, mɛfe wo mafiri m’anomu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios