Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 21:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforo a ɔyɛ Oguamma no yere no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw mmusu ason a edi akyiri no ahyehyɛ mu mama no mu biako baa me nkyɛn ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforo, Oguammaa no yere no.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 21:9
10 Referencias Cruzadas  

Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.


Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ahurisie, na yɛnhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia adu, na ne yere asiesie ne ho.


Na ɔsusuu ne fasuo no basafa ɔha aduanan nnan a ɛyɛ onipa nsusuiɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ deɛ no teɛ.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wɔ mu, na ɛyɛ nokorɛ, na Awurade, adiyifoɔ ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios