Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 21:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na apono dummienu no yɛ nhwene pa dummienu. Apono no mu biara wɔde ahwene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na apono dummienu no yɛ nhwene pa dummienu. Apono no mu biara wɔde ahwene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Wɔde ahene pa baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no abɔntenkɛse no yɛ sika ankasa, kurunnyenn sɛ ahwehwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na apon dumien no yɛ nhene pa dumien. Apon no mu biara wɔde ahene pa biako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu tew.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 21:21
10 Referencias Cruzadas  

Na mpiakyire no mu kwan deɛ, basafa du ne ne ntwemu, na basafa du yɛ ne tɛtrɛtɛ, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde tweneduro kataa afɔdeɛ pono no ho hyiae.


Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma.


Due, due, kuro kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho.


Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.


Na deɛ wɔde too ne fasuo no yɛ ahwehwɛboɔ, na kuro no yɛ sika kronkron te sɛ ahwehwɛ kronkron.


ne kuro no abɔntene mfimfini. Asubɔntene no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛso aba ahodoɔ dummienu sisie, na ɛsoso n’aba bosome biara. Na dua no ahahan na wɔde sa amanaman no yadeɛ.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios