Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 21:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na kurow no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem abien ne ahannan (2,400), na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na kurow no yɛ ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛw yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuw kurow no nkwansimma mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛw ne ne korɔn yɛ pɛ.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 21:16
6 Referencias Cruzadas  

na ɔsusuu ne ntwemu basafa du ne ne trɛ basafa du, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkronbea.


Afa nnan no so na ɔsusuu no. Ɔfasuo twa ho hyia twan; ne ntwemu yɛ basafa ahanu aduonum ne ne trɛ yɛ basafa ahanu aduonum, sɛ ɛntwa kronkronbea ne anihumafoɔ deɛ ntam.


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.


Na ɔsusuu ne fasuo no basafa ɔha aduanan nnan a ɛyɛ onipa nsusuiɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ deɛ no teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios